ABSTRACT

As the global environmental crisis continues to threaten the wellbeing and livelihood of people in marginalised communities like those in Africa, the social work profession is urged to expand its curriculum to include natural environmental concerns. This would enable social work to understand and respond to the interactive and interdependent concerns of social, economic, political, and environmental factors. This chapter centres an ecosocial approach in African social work education to decolonise professional knowledge, promote indigenous wisdom about human-nature relatedness, and facilitate environmental sustainability in Africa. An important empirical starting point is to examine how African universities have conceptualised and operationalised the ‘environment’ within the social work curriculum. We reviewed the undergraduate social work curricula of 12 African universities based in Ethiopia, Ghana, Nigeria, and South Africa to determine to what extent the concepts of the ecosocial approach and its key components like ecology and the natural environment are addressed in African social work curricula. The results show that the Bachelor of Social Work (BSW) programmes/curricula of the different universities do not adequately capture the content of an ecosocial approach (or the significance of the natural environment for human wellbeing). We recommend that BSW programmes in Africa should consider a mandatory module/course in an ecosocial approach, emphasise transdisciplinarity; and use field practicum to promote an ecosocial approach.

የዓለም አቀፍ የአካባቢ ቀውስ በተጋላጭ ማህበረሰቦች ውስጥ ያሉ ሰዎችን ደህንነትን እና መተዳደሪያን አደጋ ላይ እየጣለ ይገኛል፡፡ ከዚህ ጋር በተያያዘ የማህበራዊ ስራ (የሶሻል ዎርክ) ሙያ የስነምህዳራዊ ስጋቶችን የሚመለከቱ ይዘቶችን በሥርዓተ-ትምህርቱ ውስጥ እንዲያካትት ጥሪ እየተደረገለት ይገኛል። ይህን ማድረግ የማህበራዊ ስራ ሙያው የተሳሰሩ ማህበራዊ ፣ ምጣኔሃብታዊ ፣ ፖለቲካዊ እና ስነምህዳራዊ ቀዉሶችን በአግባቡ እንዲረዳና ምላሽ እንዲሰጥ ያስችለዋል ተብሎ ይታመናል። የዚህ ምዕራፍ አላማም የስነምህዳራዊ-ማህበራዊ (ኢኮ-ሶሻል) ጽንሰ ሐሳብ ለአፍሪካ የማህበራዊ ስራ ትምህርት ያለውን እምቅ አቅም ለማሳየት ነው። ይህንንም ማድረጉ በአፍሪካ የማህበራዊ ስራ ሙያ ዕውቀትን ከቅኝ ግዛት ለማላቀቅ፣ የሰዉ እና ተፈጥሮ መስተጋብርን በሚመለከት አገር በቀል እውቀትን ለማጎልበት እና ዘላቂ የሆነ የተፈጥሮ ጥበቃን ለማበረታታት ይረዳል ብለን እናምናለን። ይህንንም አላማ ለማሳካት እንዲረዳን እንደመነሻ ‘የአፍሪካ የማህበራዊ ስራ ስርዓተ-ትምህርት ምን ያህል ስነምህዳርን እና ስነምህዳራዊ-ማህበራዊ ጽንሰ ሐሳብን የሚመለክቱ ይዘቶችን አካቷል?’ የሚል አጠቃላይ ግምገማ አካሂደናል። ይህንንም ግምገማ ያደረግነው በአሥራ ሁለት የአፍሪካ ዩኒቨርሲቲዎች ውስጥ በሚገኙ የመጀመሪያ ዲግሪ የማህበራዊ ስራ ስርዓተ-ትምህርት መዛግብት ላይ ነው። እነዚህ ዩኒቨርሲቲዎች በኢትዮጵያ፣ በጋና፣ በናይጄሪያ እና በደቡብ አፍሪካ የሚገኙ ናቸው። የግምገማው ውጤት እንደሚያሳየው በዩኒቨርሲቲዎቹ ውስጥ በሚገኙ የመጀመሪያ ዲግሪ የማህበራዊ ስራ ስርዓተ-ትምህርት መዛግብት ውስጥ ስነምህዳርን እና ስነምህዳራዊ-ማህበራዊ ጽንሰ ሐሳብን የሚመለክቱ ይዘቶች በበቂ ሁኔታ አይገኙም። ከዚህ በመነሳት የሚከተሉትን ምክረሃሳቦች በአፍሪካ ለሚገኙ የመጀመሪያ ዲግሪ የማህበራዊ ስራ የትምህርት መርሃግብሮች ለመስጠት እንወዳለን። አንደኛ፣ የትምህርት መርሃግብሮቹ አስገዳጅ የሆነ ስነምህዳራዊ-ማህበራዊ ጽንሰ ሐሳብን ያካተተ የማህበራዊ ስራ የትምህርት ኮርስ ወይም ሞጁል ቢቀርፁ እና ቢያስተምሩ እንላለን። ሁለተኛ፣ መርሃ ግብሮቹ ተማሪዎቻቸውን ወደ ተግባርዊ ልምምድ ሲመድቡ ስነምህዳራዊ-ማህበራዊ ጽንሰ ሐሳብን ከግምት እንዲያስገቡ እንመክራለን።

Oyene a ɛwɔ abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu de ɔhaw aba nnipa asetena mu ankanka wɔn a w’asetena mu yɛ den a wɔfiri Abibiman mu. Wei de asɛdeɛ foforɔ abrɛ adwumakuo a wɔhwɛ nnipa asetena mu nsɛm soɔ, sɛ wɔbɛ trɛtrɛ wɔn ahyeɛ mu de abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛm bɛka w’adesua ne asɛdeɛ ho. Ne saa bɛboa ama adwumakuo a wɔhwɛ nnipa asetena mu nsɛm soɔ anya nteaseɛ, atumi de ntotoeɛ papa aba nnipa nkitahodie a ɛfa w’asetena mu, wɔnsikasɛm, w’amammuosɛm ho, ne abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm mu. Krataa fa yi si no pi sɛ, adesua a ɛfa nkabom ho wɔ nnipa asetena mu ne abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia hia ma adwumakuo a wɔhwɛ nnipa asetena mu nsɛm soɔ wɔ Abibiman mu. Saa adesua yi bɛboa ama adwumakuo a wɔhwɛ nnipa asetena mu nsɛm soɔ atumi apaw nimdeɛ a ne fapem gyina abrɔfo-nyansa ne nkoasom soɔ, ama nimdeɛ a ɛfiri kuro mma ne nananom hɔ a ɛfa nnipa ne abɔdeɛ ho abusuabɔ akɔso, na aboa Abibiman anamontuo a ɛde kankɔ bɛba abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia na atena hɔ daadaa. Ɛdikan no, na ɛbɛhia sɛ yɛhwehwɛ nwoma a sukuupɔn a wɔwɔ Abibiman mu ahyehyɛ de ama sukuufoɔ a w’ahyɛ w’adesua ase ɛfa asetena mu dwumadie mu nsɛm so. Yɛnhwehwɛmuu no kɔgyinaa sukuupɔn dummienu a wɔwɔ aman a ɛdidi soɔ yi: Ethiopia, Ghana, Nigeria, ne South Africa. Yɛhwɛɛ mpɛnpɛnsoɔ a sukuupɔn ahodoɔ no de adesua a ɛfa nkabom wɔ nnipa asetena mu nsɛm ne abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛm de aka asetena mu dwumadie nwoma mu. Nea ɛfiri nhwehwɛmu no pueɛ kyerɛ sɛ nwoma a sukuupɔn ahodoɔ no ahyehyɛ de ama sukuufoɔ a w’ahyɛ w’adesua ase ɛfa asetena mu dwumadie soɔ no ɛnni adesuadeɛ a ɛfa nkabom wɔ nnipa asetena mu nsɛm ne ’abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia’ nsɛm so. Ne saa enti, ye krataa yi rekamfo de ama sukuupɔn a wɔwɔ Abibiman mu sɛ wɔbɛhyehyɛ nwoma afa nkabom wɔ nnipa asetena mu nsɛm ne abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛm. Afei nso ɛbɛhia sɛ sukuupɔn ahodoɔ no ne afoforɔ a wonim de wɔ abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛm ne ankorankoran a wɔn dwumadie ɛfa abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu nsɛm, ne yɛn kuro mpaninfoɔ ne nananom nyansa fa asaase so nsɛm ho nyinaa bɛka abom ahyehyɛ nwoma no de akyerɛ adesua papa yi.